Psalms 122

Yerusalem nkamfo

1Wɔka kyerɛɛ me se, “Ma yɛnkɔ Awurade fi” no, mʼani gyei.
2Afei yegyina Yerusalem apon mu wɔ ha.
3Yerusalem yɛ kurow a ɛyɛ fɛ na asomdwoe wɔ mu.
4Ɛha na mmusuakuw no fi,
Israel mmusuakuw no a, wɔrebɛda Awurade ase sɛnea nʼahyɛde no te no.
5Israelhene tena ase bu ne nkurɔfo atɛn.
6Bɔ asomdwoe mpae ma Yerusalem se, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso.
7Ma asomdwoe mmra wo man mu na banbɔ mmra wʼahemfi.”
8Mʼabusuafo ne me nnamfo nti, meka kyerɛ Yerusalem se, “Asomdwoe nka wo!”
9Yɛn Awurade Nyankopɔn nti, mebɔ mpae srɛ nkɔso ma wo.
Copyright information for TwiNAK